1 Kings 15:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔdii ɔhene Yerusalem mfeɛ aduanan baako. Na wɔfrɛ ne nanabaa Maaka a na ɔyɛ Absalom babaa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔdii hene mfirinhyia aduanan baako Yerusalem. Na ne na din ne Maaka a ɔyɛ Abisalom babaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔdii hene mfirinhyia aduanan baako Yerusalem. Na ne na din ne Maaka a ɔyɛ Abisalom babaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na odii hene mfirihyia aduanan biako Yerusalem. Na ne na din ne Maaka a ɔyɛ Absalom babea.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Odii hene Yerusalem mfe aduanan baako. Na wɔfrɛ ne nenabea Maaka a na ɔyɛ Absalom babea.