1 Kings 15:18 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Asa tasee dwetɛ ne sikakɔkɔɔ no a ɛkaa wɔ Awurade Asɔredan no akoradan mu ne deɛ na ɛwɔ ahemfie no akoradan no mu. Ɔde hyɛɛ ne mpanimfoɔ no mu bi nsa, na ɔsomaa wɔn ma wɔkɔɔ Hesion babarima Tabrimon babarima Siriahene Ben-Hadad a na ɔdi ɔhene wɔ Damasko no nkyɛn, na ɔde saa nsɛm yi kaa ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Asa faa dwetɛ ne sika a ɛkaa AWURADE fie akoradeɛ ne ɔhene fie akoradeɛ mu de hyɛɛ ne nkoa nsa, na Ɔhene Asa de somaa wɔn maa wɔkɔɔ Hesion ba Tabrimon ba Siriahene Ben-hadad a ɔte Damasko nkyɛn sɛ:
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Asa faa dwetɛ ne sika a ɛkaa AWURADE fie akoradeɛ ne ɔhene fie akoradeɛ mu de hyɛɛ ne nkoa nsa, na Ɔhene Asa de somaa wɔn maa wɔkɔɔ Hesion ba Tabrimon ba Siriahene Ben-hadad a ɔte Damasko nkyɛn sɛ:
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Asa faa dwetɛ ne sika a ɛkae AWURADE fi akorade ne ɔhene fi akorade mu de hyɛɛ ne nkoa nsa, na ɔhene Asa de somaa wɔn kɔɔ Hesion ba Tabrimon ba Siria hene Ben-hadad a ɔte Damasko nkyɛn sɛ:
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Asa tasee dwetɛ ne sikakɔkɔɔ no a ɛkaa wɔ Awurade Asɔredan no adekoradan mu ne nea na ɛwɔ ahemfi no adekoradan no mu. Ɔde hyɛɛ ne mpanyimfo no mu bi nsa, na ɔsomaa wɔn ma wɔkɔɔ Hesion babarima Tabrimon babarima Siriahene Ben-Hadad a na odi hene wɔ Damasko no nkyɛn, na ɔde saa nsɛm yi kaa ho: