1 Kings 15:30 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa asɛm yi siiɛ, ɛfiri sɛ, Yeroboam di a ɔdii Israel anim ma wɔyɛɛ bɔne no, ɛhyɛɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, abufuo.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
wɔ Yeroboam bɔne a ɔyɛeɛ na ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no ne abohuro a ɔde huruu AWURADE Israel Nyankopɔn bo no nti.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
wɔ Yeroboam bɔne a ɔyɛeɛ na ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no ne abohuro a ɔde huruu AWURADE Israel Nyankopɔn bo no nti.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Yeroboam bɔne a ɔyɛe, ne nea ɔmaa Israel yɛe ne abohuru a ɔde huruu AWURADE Israel Nyankopɔn bo no nti na ɛbaa saa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa asɛm yi sii, efisɛ Yeroboam di a odii Israel anim ma wɔyɛɛ bɔne no hyɛɛ Awurade, Israel Nyankopɔn abufuw.