1 Kings 15:5 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Dawid ayɛ deɛ ɛyɛ wɔ Awurade ani so. Ɔdii Awurade ahyɛdeɛ so ne nkwa nna nyinaa, agye Hetini Uria no ho asɛm no nko ara.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
ɛfiri sɛ Dawid yɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, na wammane amfiri biribiara a ɔhyɛɛ no ho, ne nkwa nna nyinaa, gye Hetini Uria asɛm no nko ara mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
ɛfiri sɛ Dawid yɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, na wammane amfiri biribiara a ɔhyɛɛ no ho, ne nkwa nna nyinaa, gye Hetini Uria asɛm no nko ara mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
efisɛ Dawid yɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so, na wamman amfi biribiara a ɔhyɛɛ no ho, ne nkwa nna nyinaa, gye Hetini Uria asɛm no nko mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Dawid ayɛ nea eye wɔ Awurade ani so. Odii Awurade ahyɛde so ne nkwa nna nyinaa, gye Hetini Uria no ho asɛm no nko ara.