1 Kings 16:13 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yeinom siiɛ ɛsiane Baasa ne ne babarima Ela bɔne ne wɔn bɔne dodoɔ a wɔdii Israel anim ma wɔyɛeɛ no enti. Wɔde wɔn abosom huhuo hyɛɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, abufuo.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
wɔ Baasa bɔne nyinaa ne ne ba Ela bɔne a wɔyeyɛeɛ na wɔde maa Israel yɛɛ bɔne sɛ wɔde wɔn ahuhudeɛ huruu AWURADE, Israel Nyankopɔn, boɔ no ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
wɔ Baasa bɔne nyinaa ne ne ba Ela bɔne a wɔyeyɛeɛ na wɔde maa Israel yɛɛ bɔne sɛ wɔde wɔn ahuhudeɛ huruu AWURADE, Israel Nyankopɔn, boɔ no ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Baasa bɔne nyinaa ne ne ba Ela bɔne a wɔyeyɛe na wɔde maa Israel yɛɛ bɔne sɛ wɔde wɔn ahuhude huruu AWURADE, Israel Nyankopɔn, bo no nti.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Eyinom sii esiane Baasa ne ne babarima Ela bɔne ne wɔn bɔne dodow a wodii Israel anim ma wɔyɛɛ no nti. Wɔde wɔn abosom huhuw hyɛɛ Onyankopɔn abufuw.