1 Kings 16:23 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Omri hyɛɛ aseɛ dii ɔhene wɔ Israel ɛberɛ a ɔhene Asa adi adeɛ wɔ Yuda mfeɛ aduasa baako mu. Ne nyinaa mu, ɔdii adeɛ mfeɛ dumienu a ɔde emu nsia tenaa Tirsa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yudahene Asa afe a ɛtɔ so aduasa baako mu na Omri bɛdii Israel so hene mfeɛ dummienu. Ɔdii hene Tirsa mfeɛ nsia.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yudahene Asa afe a ɛtɔ so aduasa baako mu na Omri bɛdii Israel so hene mfeɛ dummienu. Ɔdii hene Tirsa mfeɛ nsia.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Yuda hene Asa afe a ɛto so aduasa biako so na Omri bedii Israel so hene mfe dumien. Odii hene Tirsa mfe asia.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Omri fi ase dii hene wɔ Israel, bere a ɔhene Asa adi ade wɔ Yuda mfe aduasa baako mu. Ne nyinaa mu, odii ade mfe dumien a ɔde emu asia tenaa Tirsa.