1 Kings 16:24 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Omri tɔɔ bepɔ bi a seesei wɔfrɛ no Samaria, firii Semer a na ɛyɛ ne dea no nkyɛn, dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe. Ɔkyekyeree kuro wɔ so, na ɔtoo kuro no edin Samaria, de hyɛɛ Semer animuonyam.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔkɔtɔɔ Samaria bepɔ wɔ Semer hɔ, maa dwetɛ dwetikɛseɛ mmienu, na ɔkyekyeree bepɔ no so kuro, na ɔde bepɔ no wura Semer din too kuro a ɔkyekyereeɛ no. Ɛnne Samaria.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔkɔtɔɔ Samaria bepɔ wɔ Semer hɔ, maa dwetɛ dwetikɛseɛ mmienu, na ɔkyekyeree bepɔ no so kuro, na ɔde bepɔ no wura Semer din too kuro a ɔkyekyereeɛ no. Ɛnne Samaria.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔkɔtɔɔ Samaria bepɔw, Semer hɔ, maa dwetɛ dwetikɛse abien, na ɔkyekyee bepɔw no so kurow, na ɔde bepɔw no wura Semer din too kurow a ɔkyekyee no din Samaria.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Omri tɔɔ bepɔw bi a mprempren wɔfrɛ no Samaria fii ne wura Semer nkyɛn, dwetɛ kilogram aduosia awotwe. Ɔkyekyeree kurow wɔ so, na ɔtoo kurow no din Samaria, de hyɛɛ Semer anuonyam.