1 Kings 16:33 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔsii Asera afɔrebukyia. Ɔkɔɔ so yɛɛ pii de hyɛɛ Awurade, Israel Onyankopɔn abufuo sene ahemfo a wɔadi nʼanim wɔ Israel no nyinaa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Ahab yɛɛ Asera nnua, na Ahab yɛɛ pii sɛ ɔde bɛhuru AWURADE Israel Nyankopɔn bo asene Israel ahemfo a wɔdii n’anim nyinaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Ahab yɛɛ Asera nnua, na Ahab yɛɛ pii sɛ ɔde bɛhuru AWURADE Israel Nyankopɔn bo asene Israel ahemfo a wɔdii n’anim nyinaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Ahab yɛɛ Asera nnua, na ɔyɛɛ nneɛma pii kaa ho huruu AWURADE, Israel Nyankopɔn, bo sen Israel ahene a wodii n’anim nyinaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, osii Asera dua. Ɔkɔɔ so yɛɛ pii de hyɛɛ Awurade, Israel Nyankopɔn abufuw sen ahemfo a wɔadi nʼanim wɔ Israel no nyinaa.