1 Kings 16:9 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Simri, a na ɔyɛ safohene wɔ adehyeɛ nteaseɛnam no mu fa so, bɔɔ ne tirim pɔ sɛ ɔbɛkum Ela. Ɛda bi, Ela boroo nsã wɔ Arsa a na ɔyɛ ahemfie sohwɛfoɔ no fie wɔ Tirsa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na n’akoa Simri, ne nteaseɛnam fa so safohene no, pamm ne tiri so. Na ɔwɔ Tirsa anom nsa abo wɔ Arsa a ɔdi ahemfie a ɛwɔ Tirsa no soɔ no fie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na n’akoa Simri, ne nteaseɛnam fa so safohene no, pamm ne tiri so. Na ɔwɔ Tirsa anom nsa abo wɔ Arsa a ɔdi ahemfie a ɛwɔ Tirsa no soɔ no fie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na n’akoa Simri, ne nteaseɛnam fa so safohene, tew ne so atua; na ɔwɔ Tirsa anom nsa abow wɔ Arsa a odi ahemfi a ɛwɔ Tirsa no so no fi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Simri, a na ɔyɛ ɔsafohene wɔ adehye nteaseɛnam no mu fa so, bɔɔ ne tirim pɔw sɛ obekum Ela. Da bi, Ela bow nsa wɔ Arsa a na ɔyɛ ahemfi sohwɛfo no fi wɔ Tirsa.