1 Kings 17:1 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Elia a ɔfiri Tisbi a ɛwɔ Gilead no ka kyerɛɛ ɔhene Ahab sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade, Onyankopɔn a mesɔre no som no, Israel Onyankopɔn te ase yi, ɛbɔ rensi, na osuo nso rentɔ mfeɛ kakra bi mu, gye sɛ ɛnam mʼasɛm so.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Tisbini Elia a ɔfiri Gilead atubrafoɔ mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a megyina n’anim te aseɛ yi, obosuo anaa osuo rentɔ mfeɛ yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so!
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Tisbini Elia a ɔfiri Gilead atubrafoɔ mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a megyina n’anim te aseɛ yi, obosuo anaa osuo rentɔ mfeɛ yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so!
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Tisbini Elia a ofi Gilead atubrafo no mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a migyina n’anim te ase yi, obosu anaa osu rentɔ mfe yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Elia a ofi Tisbi a ɛwɔ Gilead no ka kyerɛɛ ɔhene Ahab se, “Mmere dodow a Awurade, Onyankopɔn a mesɔre no som no, Israel Nyankopɔn te ase yi, ɛbɔ rensi, na osu nso rentɔ mfe kakraa bi mu, gye sɛ ɛnam mʼasɛm so.”