1 Kings 17:16 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ biara na wɔwɔ asikyiresiam ne ngo a ɛbɛso wɔn di wɔ wɔn adekoradeɛ mu sɛdeɛ Awurade nam Elia so hyɛɛ ho bɔ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na esiam kuruwa no so anhwan, na ngo toa no so ante, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam Elia so kaeɛ no teɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na esiam kuruwa no so anhwan, na ngo toa no so ante, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam Elia so kaeɛ no teɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na asikresam kuruwa no so anhuan na ngo toa no so antew, sɛnea AWURADE nam Elia so kae no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere biara na wɔwɔ asikresiam ne ngo a ɛbɛso wɔn di wɔ wɔn adekorade mu sɛnea Awurade nam Elia so hyɛɛ ho bɔ no.