1 Kings 17:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Akyire yi, ɔbaa no babarima no yareeɛ. Yadeɛ no kɔɔ so ara kɔsii sɛ abɔfra no wuiɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na nsɛm yi akyiri no, ɔbaa fiewura no babarima yaree, na ne yadeɛ no mu yɛɛ den pii kɔsii sɛ ɔwuiɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na nsɛm yi akyiri no, ɔbaa fiewura no babarima yaree, na ne yadeɛ no mu yɛɛ den pii kɔsii sɛ ɔwuiɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nsɛm yi akyi no, ɔbea fiwura no babarima yaree, na ne yare no mu yɛɛ den pii kosii sɛ ahome biara anka no mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Akyiri no, ɔbea no babarima no yaree. Ɔyare no kɔɔ so ara kosii sɛ abofra no wui.