1 Kings 18:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mmerɛ dodoɔ a Awurade, wo Onyankopɔn te ase yi, ɔman anaa ahemman biara nni hɔ a me wura nsomaa obi wɔ so sɛ ɔnhwehwɛ wo. Na ɔman anaa ahemman biara a wɔbɛka sɛ wonni soɔ no, ɔma wɔka ntam, ka sɛ wɔanhunu wo.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn te aseɛ yi, ɔman ne ahennie biara nni hɔ a me wura nsoma mmaa wɔnkɔɔ hɔ nkɔhwehwɛɛ woɔ. Na sɛ wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔnni hɔ, a, ɔma ahennie no ne ɔman no ka ntam sɛ wɔnhunuu woɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn te aseɛ yi, ɔman ne ahennie biara nni hɔ a me wura nsoma mmaa wɔnkɔɔ hɔ nkɔhwehwɛɛ woɔ. Na sɛ wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔnni hɔ, a, ɔma ahennie no ne ɔman no ka ntam sɛ wɔnhunuu woɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn te ase yi, ɔman ne ahenni biara nni hɔ a me wura nsoma nkɔɔ hɔ nkɔhwehwɛɛ wo ɛ. Na sɛ wɔka kyerɛɛ no sɛ: Onni hɔ, a, ɔma ahenni no ne ɔman no ka ntam sɛ wonhuu wo ɛ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mmere dodow a Awurade, wo Nyankopɔn te ase yi, ɔman anaa ahemman biara nni hɔ a me wura nsomaa obi wɔ so sɛ ɔnhwehwɛ wo. Na ɔman anaa ahemman biara a wɔbɛka sɛ wunni so no, ɔma wɔka ntam, ka se wɔanhu wo.