1 Kings 18:29 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Owigyinaeɛ no twaa mu mpo no wɔtoaa wɔn nkɔmhyɛ no so, kɔsii anwummerɛ afɔrebɔ berɛ no mu. Nanso, mmuaeɛ biara amma. Wɔante obiara nne na obiara annye wɔn so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na awigyina twaa mu no, wɔkɔmee kɔsii sɛ ɛrekɔ aduane afɔrebɔ berɛ soɔ; nso wɔante nne biara, na obiara nso annye so, na obiara nso antie wɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na awigyina twaa mu no, wɔkɔmee kɔsii sɛ ɛrekɔ aduane afɔrebɔ berɛ soɔ; nso wɔante nne biara, na obiara nso annye so, na obiara nso antie wɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na owigyinae twaa mu no, wɔkɔmee koduu sɛ ɛrekɔ aduan afɔrebɔ bere; nso wɔante ɛnne bi, na obi nso annye so, na obi antie wɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Owigyinae no twaa mu mpo no wɔtoaa wɔn nkɔmhyɛ no so, kosii anwummere afɔrebɔ bere no mu. Nanso mmuae biara amma. Wɔante obiara nne na obiara annye wɔn so.