1 Kings 18:42 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, Ahab too ɛpono. Na Elia foro kɔɔ Karmel bepɔ atifi, kɔbutuu fam, bɔɔ mpaeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Ahab foro kɔɔ sɛ ɔrekɔdidi na wanom. Na Elia deɛ, ɔforo kɔɔ Karmel atifi na ɔkotoo fam, na ɔde n’anim hyɛɛ ne nkotodwe ntam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Ahab foro kɔɔ sɛ ɔrekɔdidi na wanom. Na Elia deɛ, ɔforo kɔɔ Karmel atifi na ɔkotoo fam, na ɔde n’anim hyɛɛ ne nkotodwe ntam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Ahab foro kɔe sɛ okodidi na wanom. Na Elia de, ɔforo kɔɔ Karmel atifi na ɔkotow fam, na ɔde n’anim hyɛɛ ne nkotodwe ntam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti Ahab too pon. Na Elia foro kɔɔ Karmel bepɔw atifi, kobutuw fam, bɔɔ mpae.