1 Kings 18:43 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ sɛ, “Kɔ na fa wʼani kyerɛ ɛpo so.” Ɔsomfoɔ no kɔ kɔhwɛɛ hɔ, na ɔba bɛka kyerɛɛ Elia sɛ, “Manhunu hwee.” Elia kaa saa kyerɛɛ no mprɛnson sɛ ɔmfa nʼani nkɔkyerɛ hɔ. Ɔno nso kɔɔ mprɛnson.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔka kyerɛɛ n’abɔfra sɛ: Foro kɔ kɔhwɛ po fam. Na ɔforo kɔhwɛe, na ɔbɛkaa sɛ: Hwee nni hɔ. Na ɔse: Sane kɔ mprɛnson.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔka kyerɛɛ n’abɔfra sɛ: Foro kɔ kɔhwɛ po fam. Na ɔforo kɔhwɛe, na ɔbɛkaa sɛ: Hwee nni hɔ. Na ɔse: Sane kɔ mprɛnson.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔka kyerɛɛ n’abofra sɛ: Foro kɔ kɔhwɛ po fam. Na ɔforo kɔhwɛe, na ɔbɛkae sɛ: Hwee nni hɔ. Na ose: San kɔ mpɛn asɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔka kyerɛɛ ne somfo se, “Kɔ na fa wʼani kyerɛ po so.” Ɔsomfo no kɔ kɔhwɛɛ hɔ, na ɔba bɛka kyerɛɛ Elia se, “Manhu hwee.” Elia kaa saa kyerɛɛ no mpɛn ason sɛ ɔmfa nʼani nkɔkyerɛ hɔ. Ɔno nso kɔɔ mpɛn ason.