1 Kings 18:7 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Obadia nam, nam no, Elia hyiaa no. Obadia hunuu no, kaee no enti, ɔkotoo no wɔ fam kaa sɛ, “Enti, wo nie, me wura Elia?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Obadia wɔ ɔkwan no soɔ no, hwɛ, Elia ne no bɛhyiae, na ɔhunuu no, na ɔde n’anim butuu fam kaa sɛ: Me wura Elia nie?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Obadia wɔ ɔkwan no soɔ no, hwɛ, Elia ne no bɛhyiae, na ɔhunuu no, na ɔde n’anim butuu fam kaa sɛ: Me wura Elia nie?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Obadia wɔ ɔkwan no so no, hwɛ, Elia ne no behyiae, na ohuu no, na ɔde n’anim butuw fam kae sɛ: Me wura Elia ni?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Obadia nam no, Elia hyiaa no. Obadia huu no, kaee no nti, ɔkotow no wɔ fam kae se, “Enti wo ni, me wura Elia?”