1 Kings 19:1 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a Ahab duruu fie no, ɔkaa deɛ Elia ayɛ nyinaa ne sɛdeɛ wakunkum Baal adiyifoɔ nyinaa no kyerɛɛ Isebel.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Ahab bɛka kyerɛɛ Isebel deɛ Elia yɛeɛ no nyinaa ne sɛdeɛ ɔkumm adiyifoɔ no nyinaa, nkrantɛ ano no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Ahab bɛka kyerɛɛ Isebel deɛ Elia yɛeɛ no nyinaa ne sɛdeɛ ɔkumm adiyifoɔ no nyinaa, nkrantɛ ano no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Ahab bɛkaa nea Elia yɛe no nyinaa kyerɛɛ ne yere Yesebel, ne sɛnea ɔde nkrante akunkum Baal adiyifo no nyinaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a Ahab duu fie no, ɔkaa nea Elia ayɛ nyinaa ne sɛnea wakunkum Baal adiyifo nyinaa no kyerɛɛ Isebel.