1 Kings 19:13 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Elia tee nne no, ɔde nʼatadeɛ kataa nʼanim ɛnna ɔfiri ɔbodan no mu, kɔgyinaa ano kwan no ano. Na nne bi bisaa sɛ, “Elia, ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛbaa sɛ Elia teeɛ no, ɔde ne ngusoɔ kataa n’anim, na ɔfiri kɔgyinaa ɔbodan no ano. Na hwɛ, ɛnne bi baa ne nkyɛn sɛ: Elia, ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛbaa sɛ Elia teeɛ no, ɔde ne ngusoɔ kataa n’anim, na ɔfiri kɔgyinaa ɔbodan no ano. Na hwɛ, ɛnne bi baa ne nkyɛn sɛ: Elia, ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Elia tee no, ɔde ne nguguso kataa n’ani, na ofi kogyinaa ɔbodan no ano. Na hwɛ, ɛnne bi baa ne nkyɛn sɛ: Elia, dɛn na wowɔ yɛ wɔ ha?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Elia tee nne no, ɔde nʼatade kataa nʼanim na ofi ɔbodan no mu, kogyinaa ano kwan no ano. Na nne bi bisae se, “Elia, dɛn na woreyɛ wɔ ha?”