1 Kings 19:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Elisa gyaa anantwie no hɔ, tuu mmirika dii Elia akyi, ka kyerɛɛ no sɛ, “Deɛ ɛdi ɛkan no, ma menkɔkra mʼagya ne me maame ansa na me ne wo akɔ.” Elia buaa sɛ, “Sane wʼakyi na kɔ. Na deɛ mayɛ wo no, dwene ho.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔgyaa anantwie no hɔ, na ɔtuu mmirika dii Elia akyi kaa sɛ: Ma menkɔ kra m’agya ne me na, na memmɛdi w’akyi. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ na bra, na ɛdeɛn na mayɛ woɔ yi?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔgyaa anantwie no hɔ, na ɔtuu mmirika dii Elia akyi kaa sɛ: Ma menkɔ kra m’agya ne me na, na memmɛdi w’akyi. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ na bra, na ɛdeɛn na mayɛ woɔ yi?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ogyaw anantwi no, na otuu mmirika dii Elia akyi kae sɛ: Ma menkɔkra m’agya ne me na, na mimmedi w’akyi! Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: San kɔ bio, na dɛn na mayɛ wo yi?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Elisa gyaw anantwi no hɔ, tuu mmirika dii Elia akyi, ka kyerɛɛ no se, “Ma menkɔkra mʼagya ne me na ansa na me ne wo akɔ.” Elia buae se, “San kɔ. Dɛn na mayɛ wo?”