1 Kings 2:23 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔhene Salomo de Awurade edin kaa ntam sɛ, “Sɛ Adoniya amfa ne nkwa antwa saa abisadeɛ yi so a, Onyankopɔn ne me nni no denden so pa ara.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Ɔhene Salomo kaa AWURADE ntam sɛ: Onyankopɔn nyɛ me sei na ɔnkɔ so saa, sɛ Adoniya asɛm a waka yi nti wɔakum no a.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Ɔhene Salomo kaa AWURADE ntam sɛ: Onyankopɔn nyɛ me sei na ɔnkɔ so saa, sɛ Adoniya asɛm a waka yi nti wɔakum no a.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna ɔhene Solomon kaa AWURADE ntam sɛ: Onyankopɔn nyɛ me sɛɛ na ɔnkɔ so sa, sɛ Adonigya aka asɛm yi ahyɛ n’ankasa ne kra.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔhene Salomo de Awurade din kaa ntam se, “Sɛ Adoniya amfa ne nkwa antwa saa abisade yi so a, Onyankopɔn ne me nni no dennen so pa ara.