1 Kings 2:26 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔhene no ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar sɛ, “Sane kɔ wo kurom Anatot. Wofata sɛ wowuo, nanso merenku wo seesei, ɛfiri sɛ, wosoaa Awurade Otumfoɔ Adaka no maa mʼagya, na wo ne no nyinaa na mohunuu amane wɔ nʼabɛbrɛsɛ nyinaa mu.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Ɔsɔfoɔ Abiatar nso, ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ Anatot, wo ara w’asase so, na woyɛ owuo ba. Na ɛnnɛ yi deɛ, merenku wo, ɛfiri sɛ woasoa AWURADE Nyankopɔn adaka no m’agya Dawid anim, na wohunuu amane nso wɔ deɛ m’agya hunuu mu amaneɛ nyinaa mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Ɔsɔfoɔ Abiatar nso, ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ Anatot, wo ara w’asase so, na woyɛ owuo ba. Na ɛnnɛ yi deɛ, merenku wo, ɛfiri sɛ woasoa AWURADE Nyankopɔn adaka no m’agya Dawid anim, na wohunuu amane nso wɔ deɛ m’agya hunuu mu amaneɛ nyinaa mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔsɔfo Abiatar nso, ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ Anatot, w’ankasa asase so, na wosɛ owu; nanso ɛnnɛ yi de, merenkum wo, efisɛ woasoa AWURADE Nyankopɔn adaka m’agya Dawid anim, na wuhuu amane a m’agya hui no nyinaa nso bi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔhene no ka kyerɛɛ ɔsɔfo Abiatar se, “San kɔ wo kurom Anatot. Wofata sɛ wuwu, nanso merenkum wo mprempren, efisɛ, wosoaa Awurade Tumfo Adaka no maa mʼagya, na wo ne no nyinaa na muhuu amane wɔ nʼabɛbrɛsɛ nyinaa mu.”