1 Kings 2:32 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Awurade bɛtua no kum a ɔkumm mmarima ateneneefoɔ amapa baanu a na wɔyɛ sene no no so ka. Na mʼagya nnim Ner babarima Abner a na ɔyɛ Israel akodɔm sahene ne Yeter babarima Amasa a na ɔno nso yɛ Yuda akodɔm sahene no wuo ho hwee.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na AWURADE mma ne mogya mmua n’atifi, sɛ ɔkumm mmarima baanu a wɔtene a wɔyɛ sene no, na ɔde nkrantɛ dii wɔn awuo: Ner ba Abner, Israel sahene ne Yeter ba Amasa, Yuda sahene no berɛ a m’agya Dawid nnim ho bie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na AWURADE mma ne mogya mmua n’atifi, sɛ ɔkumm mmarima baanu a wɔtene a wɔyɛ sene no, na ɔde nkrantɛ dii wɔn awuo: Ner ba Abner, Israel sahene ne Yeter ba Amasa, Yuda sahene no berɛ a m’agya Dawid nnim ho bie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na AWURADE mma ne mogya mmua n’atifi, sɛ okunkum mmarima baanu a wɔteɛ na woye sen no, na ɔde nkrante dii wɔn awu: Ner ba Abner, Israel sahene, ne Yeter ba Amasa, Yuda sahene no, a m’agya Dawid nnim ho bi;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Awurade betua no kum a okum mmarima atreneefo ankasa baanu a na woye sen no no so ka. Na mʼagya nnim Ner babarima Abner a na ɔyɛ Israel asraafo so sahene ne Yeter babarima Amasa a na ɔno nso yɛ Yuda asraafo so sahene no wu ho hwee.