1 Kings 2:34 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, Yehoiada babarima Benaia sane kɔɔ ntomadan kronkron no mu, kɔkumm Yoab, na wɔsiee Yoab wɔ ne kurom wiram baabi.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yoiada ba Benaia foro kɔkumm no; na wɔsiee no ne fie wɔ ɛserɛ so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yoiada ba Benaia foro kɔkumm no; na wɔsiee no ne fie wɔ ɛserɛ so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yoiada ba Benaia foro kɔe kɔbɔɔ no kum no; na wosiee no ne fi wɔ sare so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti Yehoiada babarima Benaia san kɔɔ ntamadan kronkron no mu, kokum Yoab, na wosiee Yoab wɔ ne kurom wuram baabi.