1 Kings 2:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ woyɛ yei a na Awurade bɛdi ne bɔ a ɔhyɛɛ me no so sɛ, ‘Sɛ wʼasefoɔ hwɛ wɔn asetena, na wɔfiri wɔn akoma ne wɔn kra nyinaa mu nante nokorɛ mu wɔ mʼanim a, wɔn mu baako bɛtena Israel ahennwa no so.’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na AWURADE ama n’asɛm a ɔkaa no me ho no atim, sɛ ɔse: Sɛ wo mma hwɛ wɔn akwan so yie sɛ wɔbɛnante m’anim nokorɛ mu, wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra nyinaa mu a, ɛnneɛ Israel adwa so barima remmɔ wo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na AWURADE ama n’asɛm a ɔkaa no me ho no atim, sɛ ɔse: Sɛ wo mma hwɛ wɔn akwan so yie sɛ wɔbɛnante m’anim nokorɛ mu, wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra nyinaa mu a, ɛnneɛ Israel adwa so barima remmɔ wo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na AWURADE ama n’asɛm a ɔkae me ho no atim sɛ: Wo mma hwɛ wɔn kwan sɛ wɔbɛnantew m’anim nokware mu, wɔn koma nyinaa ne wɔn kra nyinaa mu a, ɛnne ose Israel agua so barima remmɔ wo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ woyɛ eyi a na Awurade bedi ne bɔ a ɔhyɛɛ me no so se, ‘Sɛ wʼasefo hwɛ wɔn asetena, na wofi wɔn koma ne wɔn kra nyinaa mu nantew nokware mu wɔ mʼanim a, wɔn mu baako bɛtena Israel ahengua no so.’