1 Kings 2:7 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Na yɛ Barsilai a ɔfiri Gilead no mmammarima adɔeɛ, na ma wɔnka wɔn a wɔdidi wɔ wo didipono so no ho. Ɛberɛ a medwane firii wo nuabarima Absalom ho no, wɔyɛɛ me adɔeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Gileadni Barsilai mma deɛ, yɛ wɔn adɔeɛ na ma wɔntena wɔn a wɔdidi wo pono soɔ mu; Na saa na wɔtwe baa me nkyɛn berɛ a medwanee wo nua Absalom anim no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Gileadni Barsilai mma deɛ, yɛ wɔn adɔeɛ na ma wɔntena wɔn a wɔdidi wo pono soɔ mu; Na saa na wɔtwe baa me nkyɛn berɛ a medwanee wo nua Absalom anim no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Gileadni Barsilai mma de, yɛ wɔn adɔe na ma wɔntena wɔn a wodidi wo pon so mu; na saa na wotwiw baa me nkyɛn bere a miguanee wo nua Absalom anim no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Na yɛ Barsilai a ofi Gilead no mmabarima adɔe, na ma wɔnka wɔn a wodidi wɔ wo didipon so no ho. Bere a miguan fii wo nuabarima Absalom ho no, wɔyɛɛ me adɔe.