1 Kings 2:8 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Kae Gera Benyaminni a ɔfiri Bahurim no babarima Simei. Ɔdomee me dendeenden, da a meredwane akɔ Mahanaim no. Na ɔbɛhyiaa me wɔ Yordan no, mede Awurade edin kaa ntam sɛ, Merenkum no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na hwɛ, Benyaminni Gera ba Simei a ɔfiri Bahurim a ɔwɔ wo nkyɛn yi, ɔno na ɔdomee me nnome denden da a mekɔɔ Mahanaim no. Nanso ɔsiane bɛhyiaa me Yordan ho, na mede AWURADE kaa no ntam sɛ meremfa nkrantɛ menku no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na hwɛ, Benyaminni Gera ba Simei a ɔfiri Bahurim a ɔwɔ wo nkyɛn yi, ɔno na ɔdomee me nnome denden da a mekɔɔ Mahanaim no. Nanso ɔsiane bɛhyiaa me Yordan ho, na mede AWURADE kaa no ntam sɛ meremfa nkrantɛ menku no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na hwɛ, Benyaminni Gera ba Simei a ofi Bahurim na ɔwɔ wo nkyɛn yi, ɔno na ɔdomee me nnome dennen da a mekɔɔ Mahanaim no. Nanso osian behyiaa me Yordan ho, na mekaa no AWURADE sɛ meremfa nkrante minkum no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Kae Gera Benyaminni a ofi Bahurim no babarima Simei. Ɔdomee me denneennen, da a mereguan akɔ Mahanaim no. Na obehyiaa me wɔ Yordan no, mede Awurade din kaa ntam sɛ, Merenkum no.