1 Kings 2:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, ntam no mma ɔnni bem. Woyɛ ɔnyansafoɔ na wobɛhunu ɛkwan a wobɛfa so aka ne mogya agu.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na afei deɛ, mma ne ho nnyɛ tɔtorɔtɔɔ, na woyɛ ɔba nyansafoɔ, na wobɛhunu adeɛ a wobɛyɛ no, na woama ne dwono nam mogya mu asiane akɔ Asamando.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na afei deɛ, mma ne ho nnyɛ no tɔtorɔtɔɔ, na woyɛ ɔba nyansafoɔ, na wobɛhunu adeɛ a wobɛyɛ no, na woama ne dwono nam mogya mu asiane akɔ Asamando.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na afei de, mma ne ho nnyɛ tɔtorɔtɔɔ, na woyɛ ɔba nyansafo, na wubehu ade a wobɛyɛ no, na woama ne dwen nam mogya mu asian akɔ asaman.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso ntam no mma onni bem. Woyɛ onyansafo na wubehu ɔkwan a wobɛfa so aka ne mogya agu.”