1 Kings 20:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ahab bisaa sɛ, “Na sɛn na ɔbɛyɛ no?” Na odiyifoɔ no buaa sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie, ‘Akodɔm asahene a wɔtuatua amansini ano no na wɔbɛyɛ.’ ” Ahab bisaa sɛ, “Enti, yɛnni ɛkan nto nhyɛ wɔn so?” Odiyifoɔ no buaa sɛ, “Aane.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Ahab kaa sɛ: Ɛnam hwan so? Na ɔse: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛnam amansini no mmapɔmma mmeranteɛ no so. Ɛnna ɔkaa sɛ: Hwan na ɔmfa nkɔbɔ ani? Na ɔse: Wo!
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Ahab kaa sɛ: Ɛnam hwan so? Na ɔse: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛnam amansini no mmapɔmma mmeranteɛ no so. Ɛnna ɔkaa sɛ: Hwan na ɔmfa nkɔbɔ ani? Na ɔse: Wo!
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Ahab kae sɛ: Ɛnam hena so? Na ose: Sɛ AWURADE se ni: Ɛnam amankuw no mmapɔmma mmerante no so. Ɛnna ɔkae sɛ: Hena na ɔmfa nkɔbɔ ani? Na ose: Wo!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ahab bisae se, “Na dɛn na ɔbɛyɛ no?” Na odiyifo no buae se, “Sɛnea Awurade se ni, ‘Asraafo so asahene a wotuatua amansin ano no na wɔbɛyɛ.’ ” Ahab bisae se, “Enti yenni kan ntow nhyɛ wɔn so ana?” Odiyifo no buae se, “Yiw.”