1 Kings 20:23 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔdii Ben-Hadad so no, ne mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Israel anyame no yɛ mmepɔ anyame, na ɛno enti na ɛma wɔdii nkonim no. Na sɛ wɔduru tata so a, yɛbɛdi wɔn so nkonim a yɛremmrɛ ho koraa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Siriahene nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Wɔn nyame yɛ mmepɔ nyame, enti na wɔn ho yɛɛ den sene yɛn no; na sɛ yɛne wɔn koo asaseta so deɛ a, anka yɛn ho renyɛ den nsene wɔn anaa?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Siriahene nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Wɔn nyame yɛ mmepɔ nyame, enti na wɔn ho yɛɛ den sene yɛn no; na sɛ yɛne wɔn koo asaseta so deɛ a, anka yɛn ho renyɛ den nsene wɔn anaa?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Siria hene nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Wɔn nyame yɛ mmepɔw nyame, enti na wɔn ho yɛ den sen yɛn no; na sɛ yɛne wɔn kɔko asasetaw so de a, so anka yɛn ho renyɛ den nsen wɔn anaa?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wodii Ben-Hadad so no, ne mpanyimfo no ka kyerɛɛ no se, “Israel anyame no yɛ mmepɔw anyame, na ɛno nti na ɛma wodii nkonim no. Na sɛ wodu tataw so a, yebedi wɔn so nkonim a yɛremmrɛ ho koraa.