1 Kings 20:32 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, wɔfirafiraa ayitoma, de nhoma bobɔɔ wɔn ti, kɔɔ Israelhene nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ, “Wo ɔsomfoɔ Ben-Hadad se, ‘Mesrɛ wo, ma me ntena nkwa mu.’ ” Israelhene no bisaa sɛ, “Ɔda so te ase anaa? Ɔyɛ me nuabarima!”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔde ayitoma kyekyeree wɔn asene, na wɔde ntampehoma bobɔɔ wɔn ti, na wɔbaa Israel hene nkyɛn sɛ: W’akoa Ben-hadad se: Ma me kra nnya nkwa ɛ! Na ɔbisaa sɛ: Ɔda so te ase? Ɔyɛ me nua.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔde ayitoma kyekyeree wɔn asene, na wɔde ntampehoma bobɔɔ wɔn ti, na wɔbaa Israel hene nkyɛn sɛ: W’akoa Ben-hadad se: Ma me kra nnya nkwa ɛ! Na ɔbisaa sɛ: Ɔda so te ase? Ɔyɛ me nua.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔde ayitama kyekyeree wɔn asen, na wɔde ntampehama bobɔɔ wɔn ti, na wɔbaa Israel hene nkyɛn sɛ: W’akoa Ben-hadad se: Ma me kra nnya nkwa ɛ! Na ose: So ɔda so te ase? Ɔyɛ me nua.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti wofurafuraa atweaatam, de ahama bobɔɔ wɔn ti, kɔɔ Israelhene nkyɛn kɔsrɛɛ no se, “Wo somfo Ben-Hadad se, ‘Mesrɛ wo, ma me ntena nkwa mu.’ ” Israelhene no bisae se, “Ɔda so te ase ana? Ɔyɛ me nuabarima!”