1 Kings 20:7 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Ahab frɛɛ asase no so ntuanofoɔ no nyinaa, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ sɛdeɛ saa ɔbarima yi pɛ sɛ ɔde ɔhaw ba. Mapene so dada sɛ mede me yerenom, me mma, me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ bɛma no.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Israel hene frɛɛ asase no so mpanimfoɔ nyinaa sɛ: Monhwɛ nhunu sɛ bɔne na oyi rehwehwɛ; na wasoma ama wɔaba me nkyɛn, me yerenom ne me mma ne me dwetɛ ne me sika ho, na mankame no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Israel hene frɛɛ asase no so mpanimfoɔ nyinaa sɛ: Monhwɛ nhunu sɛ bɔne na oyi rehwehwɛ; na wasoma ama wɔaba me nkyɛn, me yerenom ne me mma ne me dwetɛ ne me sika ho, na mankame no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Israel hene frɛɛ asase no so mpanyimfo nyinaa sɛ: Monhwɛ nhu sɛ bɔne na oyi rehwehwɛ! Na wasoma aba me nkyɛn, me yerenom ne me mma ne me dwetɛ ne me sika ho, na mankame no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Ahab frɛɛ asase no so ntuanofo no nyinaa, ka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ sɛnea saa ɔbarima yi pɛ sɛ ɔde ɔhaw ba. Mapene so dedaw sɛ mede me yerenom, me mma, me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ bɛma no.”