1 Kings 21:11 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, mpanimfoɔ ne atitire a wɔte Nabot kuro no mu no yɛɛ deɛ Isebel kaa wɔ nkrataa no mu sɛ wɔnyɛ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna ne kuro no mufoɔ mpanimfoɔ ne adehyeɛ a wɔte ne kurom no yɛɛ sɛdeɛ Isebel kraa wɔn no, sɛdeɛ ɔtwerɛɛ nwoma a wɔde kɔmaa wɔn no mu no:
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna ne kuro no mufoɔ mpanimfoɔ ne adehyeɛ a wɔte ne kurom no yɛɛ sɛdeɛ Isebel kraa wɔn no, sɛdeɛ ɔtwerɛɛ nwoma a wɔde kɔmaa wɔn no mu no:
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna ne kurow no mufo, mpanyimfo ne adehye a wɔte ne kurom no yɛe sɛnea Yesebel kraa wɔn no, sɛnea ɔkyerɛw nhoma a wɔde kɔmaa wɔn no mu no:
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti mpanyimfo ne atitiriw a wɔte Nabot kurow no mu no yɛɛ nea Isebel kaa wɔ nkrataa no mu sɛ wɔnyɛ no.