1 Kings 22:38 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na wɔhoroo ne teaseɛnam no ho wɔ asubura bi a ɛwɔ Samaria a adwamanfoɔ dware hɔ, na nkraman bɛtaferee ɔhene no mogya no, sɛdeɛ Awurade aka ato hɔ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔkɔhohoroo teaseɛnam no mu wɔ Samaria tareɛ mu, na akraman bɛtaferee ne mogya, na mmaa nnwamamfoɔ nso dwaree mu, sɛ AWURADE asɛm a ɔkaeɛ no teɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔkɔhohoroo teaseɛnam no mu wɔ Samaria tareɛ mu, na akraman bɛtaferee ne mogya, na mmaa nnwamamfoɔ nso dwaree mu, sɛ AWURADE asɛm a ɔkaeɛ no teɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔkɔhohoroo teaseɛnam no mu Samaria ɔtare mu, na akraman bɛtaforoo ne mogya, na mmea nguaman nso guaree hɔ, sɛnea AWURADE aka no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na wɔhoroo ne teaseɛnam no ho wɔ asubura bi a ɛwɔ Samaria a nguamanfo guare hɔ, na akraman bɛtaforoo ɔhene no mogya no, sɛnea Awurade aka ato hɔ no.