1 Kings 22:39 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nsɛm a ɛfa Ahab ahennie ho ne asonse ahemfie ho asɛm ne nkuro a ɔkyekyeree nyinaa no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Ahab ho nsɛm nkaeɛ, ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne asonse dan a ɔsiiɛ, ne nkuro a ɔkyekyereeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu anaa?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Ahab ho nsɛm nkaeɛ, ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne asonse dan a ɔsiiɛ, ne nkuro a ɔkyekyereeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu anaa?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Ahab ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa ne asonse dan a osii, ne nkurow a ɔkyekyee nyinaa, so wɔankyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nsɛm a ɛfa Ahab ahenni ho ne asonse ahemfi ho asɛm ne nkurow a ɔkyekyeree nyinaa no, wɔakyerɛw agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu.