1 Kings 22:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, Israelhene frɛɛ ne mpanimfoɔ no mu baako, ka kyerɛɛ no sɛ, “Ka wo ho kɔfa Imla babarima Mikaia bra.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Israel hene frɛɛ gyaaseni bi, na ɔkaa sɛ: Ma Imla ba Mikaia nnuru ha ntɛm!
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Israel hene frɛɛ gyaaseni bi, na ɔkaa sɛ: Ma Imla ba Mikaia nnuru ha ntɛm!
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Israel hene frɛɛ ogyaaseni bi, na ɔkae sɛ: Ma Imla ba Mikaia nnu ha ntɛm!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti Israelhene frɛɛ ne mpanyimfo no mu baako, ka kyerɛɛ no se, “Ka wo ho kɔfa Imla babarima Mikaia bra.”