1 Kings 3:17 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔn mu baako hyɛɛ aseɛ sɛ, “Me wura, mesrɛ wo meka sɛ, saa ɔbaa yi ne me te fi korɔ mu. Mewoo ɔba ɛberɛ a ɔne me te efie hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔbaa baako kaa sɛ: Me wura, mepa wo kyɛw, me ne ɔbaa yi te fie koro mu, na mewoo ba wɔ ne nkyɛn efie hɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔbaa baako kaa sɛ: Me wura, mepa wo kyɛw, me ne ɔbaa yi te fie koro mu, na mewoo ba wɔ ne nkyɛn efie hɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔbea biako kae sɛ: Me wura, mepa wo kyɛw, me ne ɔbea yi te fi koro mu, na mewoo ɔba wɔ ne nkyɛn ofie hɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔn mu baako fitii ase se, “Me wura, mesrɛ wo meka se, saa ɔbea yi ne me te fi koro mu. Mewoo ɔba bere a ɔne me te fie hɔ.