1 Kings 3:18 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nnansa akyi no, ɔno nso woo ba. Na yɛn nko ara na yɛte fie hɔ a obiara nka yɛn baanu ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛbaa sɛ mewoeɛ akyiri nnansa no, ɔbaa yi nso woe, na yɛwɔ faako ara, ɔhɔhoɔ bi nka yɛn ho efie hɔ gye yɛn mmienu pɛ na yɛwɔ efie no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛbaa sɛ mewoeɛ akyiri nnansa no, ɔbaa yi nso woe, na yɛwɔ faako ara, ɔhɔhoɔ bi nka yɛn ho efie hɔ gye yɛn mmienu pɛ na yɛwɔ efie no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mewoe akyi nnansa no, ɔbea yi nso woe, na yɛwɔ faako ara, ɔhɔho bi nka yɛn ho ofie hɔ gye yɛn baanu pɛ na yɛwɔ ofi no mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nnansa akyi no, ɔno nso woo ba. Na yɛn nko ara na yɛte fie hɔ a obiara nka yɛn baanu no ho.