1 Kings 4:31 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔnim nyansa sene obiara a Esrahini Etan ne Heman ne Kalkol ne Darda a wɔyɛ Mahel mmammarima no ka ho. Na ne din hyetaa wɔ aman a atwa ne ho ahyia no so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔnim nyansa sene nnipa nyinaa, ɔsene Esrahini Etan ne Heman ne Kalkol ne Darda a wɔyɛ Mahel mma no, na ne din hyetae wɔ amanaman nyinaa mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔnim nyansa sene nnipa nyinaa, ɔsene Esrahini Etan ne Heman ne Kalkol ne Darda a wɔyɛ Mahel mma no, na ne din hyetae wɔ amanaman nyinaa mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na onim nyansa sen nnipa nyinaa, ɔsen Esrani Etan ne Heman ne Kalkol ne Darda a wɔyɛ Mahol mma no, na ne din hyetaa amanaman nyinaa mu hyiae.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na onim nyansa sen obiara a Esrahini Etan ne Heman ne Kalkol ne Darda a wɔyɛ Mahel mmabarima no ka ho. Na ne din hyetaa wɔ aman a atwa ne ho ahyia no so.