1 Kings 5:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Wo ara wonim sɛ mʼagya Dawid antumi ansi asɔredan anhyɛ Awurade ne Onyankopɔn din animuonyam, ɛsiane akokoakoko a ɔne aman a wɔatwa ne ho ahyia no diiɛ enti. Wantumi anyɛ kɔsii sɛ Awurade de nʼatamfoɔ hyɛɛ ne nan ase.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wo ara wonim m’agya Dawid sɛ ɛdɔm a ɛtwaa ne ho hyiaeɛ nti, wantumi ansi ɛdan amma AWURADE ne Nyankopɔn din de kɔsii sɛ AWURADE de wɔn hyɛɛ ne nan aseɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wo ara wonim m’agya Dawid sɛ ɛdɔm a ɛtwaa ne ho hyiaeɛ nti, wantumi ansi ɛdan amma AWURADE ne Nyankopɔn din de kɔsii sɛ AWURADE de wɔn hyɛɛ ne nan aseɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wo ara wunim m’agya Dawid sɛ dɔm a etwaa ne ho hyiae nti wantumi ansi ɔdan amma AWURADE ne Nyankopɔn din de kosii sɛ AWURADE de wɔn hyɛɛ ne nan ase.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Wo ara wunim sɛ mʼagya Dawid antumi ansi asɔredan anhyɛ Awurade ne Nyankopɔn din anuonyam, esiane akokoakoko a ɔne aman a wɔatwa ne ho ahyia no dii nti. Wantumi anyɛ kosii sɛ Awurade de nʼatamfo hyɛɛ nʼanan ase.