1 Kings 5:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mʼasomfoɔ de nnua no bɛfiri Lebanon mmepɔ so aba Po Kɛseɛ so, na wɔakyekyere abobɔ mu sɛ mpata. Afei wɔde bɛfa nsuo no ani de akɔ baabiara wobɛkyerɛ. Ɛno akyi yɛbɛsane mu, na yɛde nnua no abrɛ wo. Wode aduane a me fiefoɔ bɛdi bɛtua me ka.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Me nkoa de bɛfiri Lebanon asiane aba mpoano, na makyekyere no ntɛneani ɛpo so mabɛduru deɛ wobɛma wɔaka akyerɛ me no, na masanesane no hɔ, na wo nso woama wɔabɛfa akɔ. Na wo nso yɛ deɛ mepɛ ma me, sɛ wobɛma me fie aduane.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Me nkoa de bɛfiri Lebanon asiane aba mpoano, na makyekyere no ntɛneani ɛpo so mabɛduru deɛ wobɛma wɔaka akyerɛ me no, na masanesane no hɔ, na wo nso woama wɔabɛfa akɔ. Na wo nso yɛ deɛ mepɛ ma me, sɛ wobɛma me fie aduane.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Me nkoa de befi Lebanon asian aba mpoano, na makyekye no ntɛnani ɛpo so mabedu nea wobɛma wɔaka akyerɛ me no, na masansan hɔ, na wo nso woama wɔabɛfa akɔ. Na wo nso yɛ nea mepɛ ma me, sɛ wobɛma me fi aduan.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mʼasomfo de nnua no befi Lebanon mmepɔw so aba Po Kɛse so, na mɛma atentɛn afa po ani sɛnea wɔde ayɛ ɔkorow no, de akɔ baabiara a wobɛkyerɛ. Ɛno akyi no, yɛbɛsan mu na yɛde nnua no abrɛ wo. Wobɛma me fifo aduan, sɛnea mehwehwɛ no.”