1 Kings 6:31 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛkwan a wɔfa so kɔ kronkronbea mu hɔ no, Salomo de ngo dua yɛɛ apono mmienu a emu biara wɔ twɛtwɛwa enum.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mpiakyire no ano no, ɔde ngodua yɛɛ aponta too hɔ; ɛfiri aponnwa no atifi kɔsi ne nkyɛn mu yɛ ɔfasuo no mu abupɛn nnum mu baako;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mpiakyire no ano no, ɔde ngodua yɛɛ aponta too hɔ; ɛfiri aponnwa no atifi kɔsi ne nkyɛn mu yɛ ɔfasuo no mu abupɛn nnum mu baako;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mpiakyiri no ano no, ɔde ngodua yɛɛ aponnta, apongua no atifi ne nkyɛn mu yɛ ɔfasu no mu abupɛn anum mu biako.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔkwan a wɔfa so kɔ kronkronbea mu hɔ no, Salomo de ngodua yɛɛ apon abien a emu biara wɔ twɔtwɔw anum.