1 Kings 7:2 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na wɔfrɛ Salomo adan no mu baako Lebanon Kwaeɛm Ahemfie. Na ne ntentenemu yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduɔson enum, ɛnna ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduanan enum. Na ntweneduro nsamsoɔ no mpunan no deda ntweneduro fadum ɛnan a wɔatoto ahyehyɛ no tee so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɔsii Lebanon Kwaeɛ Dan no, basafa aduonum ne ne ntwemu, na basafa aduonu nnum ne ne trɛ, na basafa dunum ne ne korɔn; ɛwɔ ntweneduro adum kyerɛpɛn nnan so, na ntweneduro adum kyerɛpɛn nnan so, na ntweneduro mpuna gu so;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɔsii Lebanon Kwaeɛ Dan no, basafa aduonum ne ne ntwemu, na basafa aduonu nnum ne ne trɛ, na basafa dunum ne ne korɔn; ɛwɔ ntweneduro adum kyerɛpɛn nnan so, na ntweneduro adum kyerɛpɛn nnan so, na ntweneduro mpuna gu so;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Osii Lebanon kwae dan no, basafa aduonum ne ne ntwemu, na basafa aduonuanum ne ne trɛw, na basafa dunum ne ne korɔn, ɛwɔ nkyeneduru adum kyerɛpɛn anan so, na nkyeneduru mpuran gugu so;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na wɔfrɛ Salomo adan no mu baako Lebanon Kwae Ahemfi. Na ne tenten mu yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Ne trɛw yɛ anammɔn aduɔson anum, na ne sorokɔ yɛ anammɔn aduanan anum. Na sida nsamso no mpuran no deda sida fadum anan a wɔatoto ahyehyɛ no tee no so.