1 Kings 7:21 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Huram de afadum no sisii Asɔredan no ɛkwan ano a baako kyerɛ anafoɔ fam na baako nso kyerɛ atifi fam. Ɔtoo baako a ɛkyerɛ anafoɔ fam no din Yakin (Ɔde atim hɔ) ɛnna deɛ ɛkyerɛ atifi fam no, ɔtoo no Boas (Ne mu na ahoɔden wɔ).
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔmemaa adum no so sisii asɔredan no ntwonoo no ano, na odum a ɔde sii anafoɔ no, ɔtoo no din Yakin, na odum a ɔde sii atifi no, ɔtoo no din Boas.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔmemaa adum no so sisii asɔredan no ntwonoo no ano, na odum a ɔde sii anafoɔ no, ɔtoo no din Yakin, na odum a ɔde sii atifi no, ɔtoo no din Boas.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔmomaa adum no so sisii asɔredan no ntwironoa no ano, na odum a ɔde sii nifa no, ɔtoo no din Yakin ase ne: Ɔde tim hɔ, na odum a ɔde sii benkum no, ɔtoo no din Boas ase ne: Ne mu na ahoɔden wɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Huram de afadum no sisii Asɔredan no kwan ano a baako kyerɛ anafo fam na baako nso kyerɛ atifi fam. Ɔtoo baako a ɛkyerɛ anafo fam no din Yakin (Ɔde tim) na nea ɛkyerɛ atifi fam no, ɔtoo no Boas (Ne mu na ahoɔden wɔ).