1 Kings 7:30 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na saa nteaseɛnam no mu biara wɔ kɔbere mfrafraeɛ ntwahonan ɛnan ne kɔbere mfrafraeɛ ntwahodadeɛ. Na nteaseɛnam biara twɛtwɛwa no wɔ nnyinasoɔ afadum de ma kɔbere mfrafraeɛ dwaresɛn no; saa nnyinasoɔ no ho na wɔadi nhwiren a wɔahyehyɛ adwini.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na nnaka no wowɔ kɔbere mfrafraeɛ ntwahonan nnan nnan ne kɔbere mfrafraeɛ nhyɛmu dua, na ne nsisoɔ nan nnan no so wowɔ nsosɔmu nsa bi, wɔgui, dwaresɛn no ase, na nhahamma nkyekyereɛ wowɔ nkyɛn nkyɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na nnaka no wowɔ kɔbere mfrafraeɛ ntwahonan nnan nnan ne kɔbere mfrafraeɛ nhyɛmu dua, na ne nsisoɔ nan nnan no so wowɔ nsosɔmu nsa bi, wɔgui, dwaresɛn no ase, na nhahamma nkyekyereɛ wowɔ nkyɛn nkyɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nnaka no wowɔ kɔbere ntwahonan anan anan ne kɔbere nhyemu dua, na ne nsisonan anan no so wowɔ nsusom nsa bi, wogui, oguasɛn no ase, na nhabamma nkyekyeree wowɔ nkyɛn nkyɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na saa nteaseɛnam no mu biara wɔ kɔbere mfrafrae ntwahonan anan ne kɔbere mfrafrae ntwahodade. Na nteaseɛnam biara twɔtwɔw no wɔ nnyinaso afadum de ma kɔbere mfrafrae nsukorade no; saa nnyinaso no ho na wɔadi nhwiren a wɔahyehyɛ adwinni.