1 Kings 7:31 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nteaseɛnam no biara wɔ nnyinasoɔ kurukuruwa bi wɔ nʼatifi ma dwaresɛn no. Na ɛhwire mu, kɔ soro bɛyɛ anammɔn baako ne fa wɔ teaseɛnam no atifi te sɛ ntaamudeɛ kurukuruwa bi. Na ano a abue no yɛ anammɔn mmienu ne nsateakwaa mmiɛnsa. Ɛho no na wɔde nhwiren a wɔahyehyɛ adwinnie asiesie. Na nteaseɛnam no mfomfamsoɔ no yɛ ahinanan na ɛnyɛ kurukuruwa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na dwaresɛn no ano wɔ adakatire hankra no mu fam a ɛho so kakra anammɔn baako ne fa, na hankra no ano yɛ kurukuruwa, wɔyɛɛ no sɛ nnyinasoɔ anammɔn mmienu ne fa, na wɔdii adwini ano ano; na ne nhyehyɛmu ntrawantrawa no yɛ ahinanan, ɛnyɛ kurukuruwa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na dwaresɛn no ano wɔ adakatire hankra no mu fam a ɛho so kakra anammɔn baako ne fa, na hankra no ano yɛ kurukuruwa, wɔyɛɛ no sɛ nnyinasoɔ anammɔn mmienu ne fa, na wɔdii adwini ano ano; na ne nhyehyɛmu ntrawantrawa no yɛ ahinanan, ɛnyɛ kurukuruwa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na oguasɛn no ano wɔ adakatiri hankare no mu fam how so kakra basafa biako, na hankare no ano yɛ kurukuruwa, wɔyɛɛ no sɛ nnyinaso basafa biako ne fa, na wodii adwinni ano ano; na ne nhyehyɛmu atɛreatɛre yɛ ahinanan, ɛnyɛ kurukuruwa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nteaseɛnam no biara wɔ nnyinaso kurukuruwa bi wɔ nʼatifi ma nsukorade no. Na ehwirew mu, kɔ soro bɛyɛ ɔnammɔn baako ne fa wɔ teaseɛnam no atifi te sɛ ntaamude kurukuruwa bi. Na ano a abue no yɛ anammɔn abien ne nsateaa abiɛsa. Ɛho no na wɔde nhwiren a wɔahyehyɛ adwinni asiesie. Na nteaseɛnam no ntetareho no yɛ ahinanan na ɛnyɛ kurukuruwa.