1 Kings 7:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Aboɔ akɛseɛ a wɔatwa no pɛpɛɛpɛ a ne boɔ yɛ den yie na wɔde sii saa adan no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yeinom nyinaa yɛ aboɔ a ne boɔ yɛ den, wɔasusu no sɛ aboɔ a wɔasene no ahinanan, wɔde ɛwan na ɛtwaeɛ, ɛwowɔ emu fam ne akyire fam, firi fapem so kɔpem atifi, na ɛfiri akyire fam kɔsi abannwa kɛseɛ no so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yeinom nyinaa yɛ aboɔ a ne boɔ yɛ den, wɔasusu no sɛ aboɔ a wɔasene no ahinanan, wɔde ɛwan na ɛtwaeɛ, ɛwowɔ emu fam ne akyire fam, firi fapem so kɔpem atifi, na ɛfiri akyire fam kɔsi abannwa kɛseɛ no so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Eyinom nyinaa yɛ abo a ne bo yɛ den, wɔasusuw no sɛ abo a wɔasen no ahinanan, wɔde ɔwan na etwae, ɛwowɔ emu fam ne akyiri fam, fi asehyɛ so kɔpem atifi, na efi akyiri fam kosi abangua kɛse no so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Abo akɛse a wɔatwa no pɛpɛɛpɛ a ne bo yɛ den yiye na wɔde sii saa adan no.