1 Kings 8:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Na seesei, Awurade ayɛ deɛ ɔhyɛɛ ho bɔ no, ɛfiri sɛ, madi adeɛ sɛ ɔhene, asi mʼagya anan mu. Masi saa Asɔredan yi de ahyɛ Awurade, Israel Onyankopɔn din animuonyam.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na AWURADE ama n’asɛm a ɔkaeɛ no atim, na masɔre masi m’agya Dawid ananmu, atena Israel ahennwa so, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no, na masi ɛdan no mama AWURADE, Israel Nyankopɔn din,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na AWURADE ama n’asɛm a ɔkaeɛ no atim, na masɔre masi m’agya Dawid ananmu, atena Israel ahennwa so, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no, na masi ɛdan no mama AWURADE, Israel Nyankopɔn din,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na AWURADE ama n’asɛm a ɔkae no atim, na masɔre masi m’agya Dawid ananmu matena Israel ahengua so, sɛnea AWURADE kae no, na masi dan no mama AWURADE Israel Nyankopɔn din,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Na mprempren, Awurade ayɛ nea ɔhyɛɛ ho bɔ no, efisɛ madi ade sɛ ɔhene, asi mʼagya anan mu. Masi saa Asɔredan yi de ahyɛ Awurade, Israel Nyankopɔn din anuonyam.