1 Kings 8:25 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Afei, Ao Awurade, Israel Onyankopɔn, ma ɛbɔ a wokɔɔ so hyɛɛ wo ɔsomfoɔ Dawid a ɔyɛ mʼagya no mmra mu. Woka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɛ wʼasefoɔ bɔ wɔn bra yie, na wɔdi me mmara so sɛdeɛ woayɛ no a, wɔbɛdi Israel so ɔhene daa daa.’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na afei, AWURADE, Israel Nyankopɔn, kora deɛ woaka akyerɛ w’akoa m’agya Dawid so no ma no, sɛdeɛ wokaa sɛ: Wɔremma onipa a ɔbɛtena Israel ahennwa soɔ mmmɔ no wo m’anim, hwɛ nko na wo mma nhwɛ wɔn kwan, sɛ wɔbɛnante m’anim sɛdeɛ wonantee m’anim no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na afei, AWURADE, Israel Nyankopɔn, kora deɛ woaka akyerɛ w’akoa m’agya Dawid so no ma no, sɛdeɛ wokaa sɛ: Wɔremma onipa a ɔbɛtena Israel ahennwa soɔ mmmɔ no wo m’anim, hwɛ nko na wo mma nhwɛ wɔn kwan, sɛ wɔbɛnante m’anim sɛdeɛ wonantee m’anim no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na afei, AWURADE, Israel Nyankopɔn, kora nea woaka akyerɛ w’akoa, m’agya Dawid, no ma no, sɛ wokae sɛ: Wɔremma onipa a ɔbɛtena Israel ahengua so mmɔ wo m’anim: Ɔhwɛ nko na wo mma nhwɛ wɔn kwan, sɛ wɔbɛnantew m’anim sɛnea wonantew m’anim no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Afei, Awurade, Israel Nyankopɔn kɔ so di wo bɔ a woahyɛ wo somfo, mʼagya Dawid, no so. Efisɛ woka kyerɛɛ no se, ‘Sɛ wʼasefo hwɛ wɔn abrabɔ yiye, sɛnea woayɛ yi a, daa wobedi Israel so.’