1 Kings 8:36 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
ɛnneɛ, tie firi soro, na fa wʼasomfoɔ, wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɔne no kyɛ. Kyerɛ wɔn deɛ ɛyɛ, na ma osuo ntɔ ngu wʼasase a wode ama wo nkurɔfoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ sononko no so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
ɛnneɛ wo ara tie wɔ ɔsoro, na fa wo nkoa ne wo man Israel bɔne kyɛ, na kyerɛ wɔn ɔkwan pa a wɔmfa soɔ, na ma osuo ntɔ ngu w’asase a wode maa wo man sɛ agyapadeɛ no so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
ɛnneɛ wo ara tie wɔ ɔsoro, na fa wo nkoa ne wo man Israel bɔne kyɛ, na kyerɛ wɔn ɔkwan pa a wɔmfa soɔ, na ma osuo ntɔ ngu w’asase a wode maa wo man sɛ agyapadeɛ no so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
ɛnne wo ara tie ɔsoro, na fa wo nkoa ne wo man Israel bɔne kyɛ, na kyerɛ wɔn ɔkwan pa a wɔmfa so, na ma osu ntɔ ngu w’asase a wode maa wo man sɛ agyapade no so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
ɛno de, tie fi ɔsoro, na fa wʼasomfo, wo nkurɔfo Israelfo, bɔne kyɛ wɔn. Kyerɛ wɔn nea eye, na ma osu ntɔ ngu wʼasase a wode ama wo nkurɔfo sɛ wɔn agyapade sononko no so.